Psalms 9

Onyankopɔn atemmu ho aseda

1 Awurade, mifi me koma nyinaa mu makamfo wo.
Mɛka anwonwade a woayɛ no nyinaa.
2Wo nti, mɛto dwom anigye so.
Mɛto ayeyi dwom ama wo,
Otumfoɔ Nyankopɔn.
3Sɛ mʼatamfo hu wo a, wɔsan wɔn akyi.
Wɔtetew hwehwe, wuwu.
4Wubu atɛntrenee, na woabu me bem.
5Woabu amanamanmufo fɔ, na woasɛe nnebɔneyɛfo.
Na worenkae wɔn bio.
6Woawie yɛn atamfo korakora; woasɛe wɔn nkurow, na wɔn ho nkae ayera korakora.
7Nanso Awurade di hene daa daa.
Wasi nʼatemmu ahengua.
8Ɔne atreneefo na edi wiase so; ɔnam atɛntrenee so na ebu amanaman atɛn.
9 Awurade yɛ nea wɔretane nʼani guankɔbea ne amanehunu mu nkwagyebea.
10 Awurade, wɔn a wonim wo no de wɔn ho bɛto wo so.
Na obiara a ɔba wo nkyɛn no nso, worennyaw no.
11Monto ayeyi dwom mma Awurade a odi Sion so no.
Monka nea wayɛ nkyerɛ amanaman.
12Onyankopɔn kae amanehunufo.
Ne werɛ mfi wɔn su, na ɔtwe wɔn a wɔhaw wɔn no aso.
13O Awurade, hu me mmɔbɔ.
Hwɛ amane a mʼatamfo ma mihu.
Gye me fi owu mu,
O Awurade,
14na matumi agyina nnipa a wɔwɔ Yerusalem anim, na maka nneɛma a mekamfo wo wɔ ho makyerɛ wɔn.
Mʼani begye efisɛ, woagye me nkwa.
15Amanamanmufo atu amoa na wɔatɔ mu.
Wɔn ara wɔn ankasa afiri ayi wɔn.
16 Awurade da ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni efisɛ, ɔma nnebɔneyɛfo no ara afiri yi wɔn.
17Owu wɔ hɔ ma nnebɔneyɛfo ne wɔn a wɔpo Onyankopɔn nyinaa.
18Ɛnyɛ daa na wobegyaw wɔn a ade ahia wɔn, na mmɔborɔfo anidaso renyera korakora.
19Bra,
Awurade!
Mma nnipa nnko nntia wo!
Twe amanamanmufo bra wʼanim na bu wɔn atɛn.
20Ma wonsuro,
O Awurade; na ma wonhu sɛ wɔyɛ adasamma.
Copyright information for TwiNAK